Download Matwen Awurade Anim Lyrics by Rev. George Owusu Mensah. matwen Awurade anyim wa bere na so ase, na wa teye me mpiebo na o de me asi obo-tan so o . Na Ɔde m’asi ɔbotan so
Ɔde me nan atintim hɔ
Matwen Awurade anim Lyrics
[CHORUS]
Matwen Awurade anim
W’abere Naso ase
Atie me mpaebɔ
Na Ɔde m’asi ɔbotan so
Ɔde me nan atintim hɔ
Sɛ merennhwe ase da
Na Ɔde nwom ahyɛ m’ano
Ɛnwom fofrɔ bi
Ayeyi nwom, a ɛte ase
Mɛma amansan ate Ne nka
Na w’adwane abɛtoa No
Na W’ayɛ odwankɔbea
Nhyira nka onipa a
Ɔde ne ho to Awurade so
Na ɔtwɛn N’anim
[BRIDGE]
Me deɛ mɛbɔ Ne din aa oo …
[HOOK A]
Mɛ bɔ Awurade Ne din
Mɛ ma Ne so akyerɛ
Amansan nyinaa
Efiri sɛ Ɔyɛ Owura
N’akyi ne N’anim
Obi ntesɛ Ɔno
Ɔyɛ tete Nyame
[VERSE 1]
Awurade na Ɔma
Deɛ w’aberɛ tumi
Na nea onni home
Ɔma n’ahoɔden dɔɔso
Ɛmmranteɛ mpo brɛ oo
Na wɔn pa aba
Ɛnkwakora hwehwe
Asesan wɔ’akyi
Nanso wɔn a ɔtwɛn
Awurade anim
Nya ahoɔden fofro
Ɔde ntaban foro sɛ
Anomaa ɔkɔdeɛ a
Otu mirika
Na wɔn mmpa aba
Ɔnnante na ɔmmrɛ
[HOOK B]
Agya
Wo din na aseda nka
Ɔdomfoɔ
Wo din ayeyie nka
Katakyie
Wo din na nhyira nka
Daasebrɛ
Wo din na ntrontrom nka
Sɛmanhyia
Wo din anyuonyam nka
Wo din na nidie sɛ
‘Calvary’ nkunimdifo ee
W’ayeyie rennsa da
[BRIDGE]
Me deɛ mɛbɔ Ne din aa oo …
[HOOK A]
Mɛ bɔ Awurade Ne din
Mɛ ma Ne so akyerɛ
Amansan nyinaa
Efiri sɛ Ɔyɛ Owura
N’akyi ne N’anim
Obi ntesɛ Ɔno
Ɔyɛ tete Nyame
[VERSE 2]
Enti Awurade kasa ɛ
Ma ade nyinaa nyɛ diin
Na sɛ W’annkasa a
Nipa basa be di me nhuammɔ
Me deɛ me wiase a me wɔ yi
Agya m’anidasoɔ aa ne Wo
Nti yɛ me ho nsɛnkyerɛne ɛ
Ma m’ani nwie gye
Awurade ama m’ayɛ
N’adebɔ mu ɔdehyeɛ
Ɔhyɛ me ti ne Ne nkatabo
Ɔde nnepa ahyɛ m’afono ma
Wama m’akoma ahyɛ ma oo
Ama m’atanfo ani awu
Enti na ɛmere a me te ase yi
Ne nwunu ase aa na mɛ tena
Na m’ato me dɔfo ho nwom sɛ
Wo nwuma yɛ kɛse ei
Wow nwuma yɛ nwanwa
Onipa ba ntumi nte aseɛ
Me twere Saayɔn botan nti
Me deɛ mennsuro dɔm
Firisɛ Nea Ɔte me mu no
So sene nea ɔwɔ wiase’m
(With Saxophone 🎷vamp)
Awurade kasa oo
Ma add nyinaa nyɛ diin
Awurade.
[VERSE 3]
Enti Awurade ka me ho yi
Mennsuro anadwo bumbɔ oo
Bɛma atu awia
Ɛnsan-yadeɛ a ɛsɛe adeɛ
Firisɛ W’ama me kra adwane
Fidisumfoɔ n’afidie mu
Ɛnɛ afidie n’abubu
Na me deɛ m’ade me ho oo
Nti bere a me te ase yi deɛ
Me dwanekɔbea ne Awurade
Me kogyefo ne Yehowa a
Ɔnntɔ nko na Ɔnna
Nti aseda bɛn
Mpo na ɛbɛsɔ W’ani?
Agya na me deɛ mento dwom bɛn
Na ɛbɛyɛ W’aso mu dɛ?
Agya me de me ho nyinaa
Mpo bɔ afɔreɛ ma Wo a
Ɔkɛseɛ ee me yɛ Wo dea
Na me yɛ W’adedibea dwan
Na sɛ me to sika nso a
Sika ne dwetɛ nyinaa for Wo oo
Nti m’asɛm nyinaa ne sɛ
Agya, Wo din na aseda nka
[HOOK B]
Wo din na aseda nka
Ɔdomfoɔ
Wo din ayeyie nka
Wo din na nhyira
Wo din na ntrontrom nka
Lead Vocalist: Sɛmanhyia
ALL: Wo din anyuonyam nka
Lead Vocalist: Dɛɛfoɔ
Wo din na nidie sɛ
‘Calvary’ nkunimdifo ee
W’ayeyie rennsa da
[OUTRO]
Agya, m’akoma so asɛm paa
Na me de ayɛ nwom a me toɔ yi
Sɛ wɔn a ɔtwɛn Wo no
Wɔn anim renngu ase.
lyrics of Matwen awurade anim
*COPYRIGHT DISCLAIMER*
Score And Sing neither owns any of the songs nor the images featured on this website.
All rights belong to their original owner/owners.
No copyright infringement is intended. Contents here are for promotional purposes only.matwen awurade anim
Related Songs
- Great God By Mary Ghansah ft Ps Edwin Dadson- lyrics and MP3 || Download Mp3 and Lyrics
- Precious Jesus by Sinach ft T-Sharp || Download Mp3 and Lyrics
- Ensi me yie by Renold Adjei || Download Mp3 and Lyrics
- Idinma by Judikay || Download Mp3 and Lyrics
- Peace by Joe Mettle ft Michael Stuckey || Download Mp3 and Lyrics
- See what the Lord has done by Nathaniel Bassey || Download MP3 and Lyrics
- Fragrance To Fire ( First it was fragrance) by Dunsin Oyekan || Download MP3 and Lyrics
- Nyame Ye Odo by Joyful Way Incorporated || Download MP3 and Lyrics
- Wani Ku Me Ho By Diana Hamilton|| Download Mp3 and Lyrics
-
Ejaake Ehi Reggae Medley By Joyful Way Incorporated (Explo 2017) ||Download MP3 and Lyrics
